Hadith for the World
Tap the image to view it full size
Hadith ne ne nyansahu

Abdullah bin Amr Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ, Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:

Available in 71 languages
«Abdullah bin Amr Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ, Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <<Mommɔ dawuro mfa me nsɛm no ho; sɛ mpo ɛyɛ yikyerɛ koro pɛ mpo a, na monka atetesɛm a ɛfa Israel asefoɔ ho; ɛfiri sɛ akwansideɛ biara nni ho, na mmom neɛ ɔbɛtwa kontompo ato me so boapayɔ mu no deɛ; ɔmmɛ gye ne tenabrɛ wɔ ogya dareɛ no mu>>.»

Meaning translation ·

Explanation

The meaning in a few plain lines

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rehyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ nimdeɛ a ɛfiri ne nkyɛn no ho dawuro mfiri Kur'ani anaa n'ano asɛm mu, sɛ mpo ɛyɛ ade ketewa bi te sɛ yikyerɛ bi a ɛwɔ Kur'ani anaa hadiisi mu mpo a, ɛnkɔ ba sɛ oniakorɔ no wɔ nimdeɛ fa neɛ ɔrebɔ ho dawuro na ɔrefrɛ afoforɔ akɔ so no. Ɛna afei ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka kyerɛɛ mu sɛ bɔne biara nni ho sɛ wɔbɛka atetesɛm a ɛfa Israel asefoɔ nom ho ɛfa neɛ ɛtotoo wɔnom no ho; ɛyɛ neɛ ɛne yɛn mmrasɛm no mmɔ abira no. Ɛna afei wɔbɔɔ kɔkɔ fa neɛ ɔbɛtwa nkotompo ato ne so, sɛ esipi sɛ neɛ ɔbɛhyɛ da atwa nkontompo ato no so no, ɛneɛ na ɔnnye fie mma ne ho wɔ ogya dareɛ no mu.

Source
رواه البخاري
Download image

Saved at original quality