Hadith for the World
Tap the image to view it full size
Onyame biako som/Nkyerɛkyerɛ.

Yɛnyaa hadisi yi firii Abu Ayyub Al Ansariyyu nkyɛn Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:

Available in 70 languages
«Yɛnyaa hadisi yi firii Abu Ayyub Al Ansariyyu nkyɛn Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: << Ɔmma ho kwan sɛ onipa bi ne onua bɛyɛ aka ama no aboro anadwo mmiɛnsa, sɛ wɔhyia a, na wei adane n’ani na wei nso adane n’ani, na wɔn mu neɛ ɔyɛ ne neɛ ɔbɛhyɛ aseɛ ato no yɔnko no salaam>>.»

Meaning translation ·

Explanation

The meaning in a few plain lines

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no abra sɛ muslimini ne onua muslimini bɛyɛ aka ama no aboro anadwo mmiɛnsa, na wɔn mu baako bɛhyia ne yɔnko na ɔnkyea no anaa ɔnkasa no ho. Na wɔn mmienu a ayaaka wɔ wɔntam no neɛ ɔyɛ papa ne neɛ ɔrebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛyi saa ayaaka no afiri hɔ, na ɔbɛhyɛ aseɛ ato onua no salaam, na ayaaka a ɔreka ho asɛm wɔ aha no yɛ ayaaka a ɛnam woara ankasa woyiedie bi ho nti baaɛ, na mmom ayaaka a ɛnam Allah Okokuroko no kyɛfa bi ho nti baaɛ no te sɛ wo ne abɔneyɛfoɔ, nsakratomfoɔ ne ayɔnko bɔne reyɛ aka deɛ, wei deɛ mmerɛ tenten biara nna so, na mmom ɛgyina mfasoɔ a ɛwɔ ayaaka no so, na ɛba awieɛ berɛ wɔayi afiri hɔ.

Source
متفق عليه
Download image

Saved at original quality