Hadith for the World
Tap the image to view it full size
Suban pa ne neaye pa.

Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, ɔkaa sɛ:

Available in 70 languages
«Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, ɔkaa sɛ: Wɔbisaa Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ɛfa adeɛ a ɛde nnipa pii bɛwura ɔsoro aheman no mu, na ɔkaa sɛɛ: <<Nyamesuro ne suban pa>>, Na wɔbisaa neɛ ɛde nnipa bɛwura ogya dareɛ no mu pa ara, na ɔkaa sɛɛ: <<ano ne adagya>>.»

Meaning translation ·

Explanation

The meaning in a few plain lines

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no akyerɛkyerɛ mu sɛ nneɛma akɛseɛ a ɛde obi wura ɔsoro aheman mu yɛ ɔkwan mmienu, wɔnom ne: Nyame Suro ne Subain papa. Nyamesuro: ne sɛ wode akokyɛm bɛsi wo ne Allah asotwee ntam, na ɛno ne sɛ wobɛyɛ n'ahyɛdeɛ na watwe wo ho afiri n'akyiwadeɛ ho. Na suban papa: tumi yɛ sɛ worete w'anim, woredi dwuma pa ne woregyae bɔne. Na nneɛma akɛseɛ a ɛde amanfoɔ bɛkɔ ogya dareɛ no mu yɛ nneɛma mmienu, na wɔnom ne: Kɛtrɛma ne w'adagya (wo barima anaa wo baa) Na kɛtrɛma bɔne ne bi ne : nkontompo, nantintwitwa, kɔnkɔnsa ne neɛ ɛkeka ho. Na w'adagya nso bɔne ne bi ne: adwamammɔ, trumutrumu ne neɛ ɛkeka ho.

Source
رواه الترمذي وابن ماجه وأحمد
Download image

Saved at original quality