Hadith for the World
Tap the image to view it full size
Suban pa ne neaye pa.

Yɛnyaa Hadisi yi firii Anu'man bin Bashir nkyɛn Allah nnye no ntom ɔkaa sɛ: metee sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ:

Available in 69 languages
«Yɛnyaa Hadisi yi firii Anu'man bin Bashir nkyɛn Allah nnye no ntom ɔkaa sɛ: metee sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ: <<Mpaebɔ, ɛno ne nyamesom>> Na afei ɔkanee: <<Na mo Awurade aka sɛ momfrɛ me na mɛgye mo so, esipi sɛ wɔn a akɛsesɛm wɔ wɔn mu sɛ ɔbɛsom Me no bɛwura ogya dareɛ no mu wɔ animguaseɛ mu>>.[Gafir:60]»

Meaning translation ·

Explanation

The meaning in a few plain lines

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ, esipi sɛ mpaebɔ; ɛno ne nyamesom, nti ɛsɛsɛ mpaebɔ nyina ara yɛ Allah nti, sɛ ɛyɛ abisa anaa adesrɛ mpaeɛ o, sɛ ɔbɛsrɛ Allah Okokuroko mfasodeɛ bi, ne ahobammɔ firi neɛ ɛha no wɔ wiase ne atemmuada no, anaasɛ ɛyɛ nyamesom mpaeɛ, na ɛno ne ade biara a Allah pɛ na n'ani gye ho sɛ ɛyɛ kasa anaa dwumadie, neɛ apue ne neɛ asuma, akoma mu, honamdua mu anaa sika mu nyamesom. Ansa na ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa nyinasosɛm a ɛfa ho, Allah kaa sɛ: {Momfrɛ me na mɛgye mo so, esipi sɛ wɔn a akɛsesɛm wɔ wɔn mu sɛ ɔbɛsom Me no bɛwura ogya dareɛ no mu wɔ animguaseɛ mu}.

Source
رواه أبو داود والترمذي وابن ماجه وأحمد
Download image

Saved at original quality