TopicSuban pa ne neaye pa.
288 hadiths
288 hadiths
Yɛ nya Hadis yi firi Abu Hurairata-Nyame peninee nka no nkyɛn Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, kaeɛ, firii n’Awurade hɔ, Ade Nyinaa so Tumfoɔ na Anuonyam wɔ No, sɛ Ɔkaa sɛ: “Akoa bi yɛɛ bɔne na ɔkaa sɛ: O Onyankopɔn, fa me bɔne kyɛ me. Na Onyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: M’akoa yɛɛ bɔne na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Afei ɔyɛɛ bɔne bio na kaa sɛ: O Awurade, fa me bɔne kyɛ me. Na Onyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: M’akoa yɛɛ bɔne, na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Afei ɔyɛɛ bɔne bio na ɔkaa sɛ: ‘O Awurade, fa me bɔne kyɛ me.’ Na Nyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: ‘M’akoa yɛɛ bɔne, na ɔnim sɛ ɔwɔ Awurade bi a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Yɛ nea wopɛ biara, na Mede akyɛ wo.متفق عليه