8 hadiths
Eferi IBNU ABBAS Nyame penenee enka nu- kase: Da bi,Na mewɔ Nyame Somafoɔ no akyi, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, na ɔkaa sɛ: “ O abarimaa, merekyerɛkyerɛ wo nsɛm bi: Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na Ɔbɛma N’adwene aba wo so. Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na wobɛhunu No wɔ w’anim.Sɛ worebisa a, bisa Nyankopɔn, na sɛ worehwehwɛ mmoa a, hwehwɛ mmoa firi Nyankopɔn hɔ. Hunu sɛ, sɛ ɔmanfoɔ no nyinaa bɛhyia mu sɛ wɔreyɛ biribi aboa wo a, wɔrentumi nyɛ biribiara mmoa wo gye sɛ adeɛ a Nyankopɔn atwerɛ ama mo dada, na sɛ wɔrehyia mu sɛ wɔreyɛ biribi aha wo a, wɔrentumi nyɛ hwee ntia wo gye sɛ adeɛ a Nyankopɔn atwerɛ ama wo, Yɛapagya atwerɛdua no na nkrataa no nso aho.رواه الترمذي