Hadith for the World
Tap the image to view it full size
Onyame biako som/Nkyerɛkyerɛ.

Hadiis a yɛnya firi Abii Huraira hɔ Onyame penie nka no aka sɛ: Ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne n'asomudwoe nka no aka sɛ:

Available in 70 languages
«Hadiis a yɛnya firi Abii Huraira hɔ Onyame penie nka no aka sɛ: Ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne n'asomudwoe nka no aka sɛ: <<Esipi sɛ Ɔno Allah no Ɔnhwɛ mo bɔbia anaa mo ahonyadeɛ so, (ntua mo ka) na mmom Ɔhwɛ mo akoma mu ne mo nnwumadie so>>.»

Meaning translation ·

Explanation

The meaning in a few plain lines

Ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) rekyerɛ yɛn mu sɛ, ''Ɔno Allah Ɔhoteeni Okokuroko no, Ɔnhwɛ ne nkoa bɔbia ne wɔn honamdua, sɛ ne ho yɛ fɛ anaa ɛnyɛ fɛ? sɛ ɔso anaa ɔsua? anaa ɔwie pɛyɔ anaa ɔtɔ sin? Ɛna Ɔnhwɛ wɔn ahonyadeɛ so, sɛ ɛdɔɔso anaa ɛsua? Na Allah Otumfoɔ no Ɔnsɔ Ne nkoa mu ɛna Ɔmmu wɔn atɛn wɔ saa ɔkwan wei so anaa nsonsonoeɛ a ɛwɔ mu ho, na mmom Ɔhwɛ wɔn akoma mu ne nyamesuro ne awerɛhyɛmu, nokware ne gyedie krɔgyenn, anaa sɛ woreyɛ no nnipa nti na wagye din, na Ɔhwɛ wɔn nnwuma sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne, na Wahyɛ anan na watua ka wɔ so.

Source
رواه مسلم
Download image

Saved at original quality