Hadith for the World
Tap the image to view it full size
Onyame biako som/Nkyerɛkyerɛ.

Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:

Available in 70 languages
«Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: { M'akyidifoɔ nyina ara bɛwura soro aheman mu agye neɛ ɔbɛpo, wɔkaa sɛ; oh Allah somafoɔ, na hwan na bɛpo? Ɔkaa sɛ: neɛ ɔbɛyɛ sotie ama me no bɛwura soro aheman mu, na neɛ ɔbɛte me so atua no apo (soro aheman no)}.»

Meaning translation ·

Explanation

The meaning in a few plain lines

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ ne dɔm nyina ara bɛwura ɔsoro aheman mu agye neɛ ɔno ara bɛpo! Asuafoɔ no, Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ: na hwan na bɛpo oh Allah somafoɔ? Ɛna ɔyii wɔn ano sɛ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no): obi biara a ɔbɛbrɛ ne ho ase, na wadi n'akyi, na watie somafoɔ no Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no no bɛwura ɔsoro aheman mu, na deɛ ɔbɛyɛ asoɔden na wammrɛ ne ho ase anni Islam mmrasɛm no so no, ɛneɛ na wapo sɛ ɔbɛwura ɔsoro aheman mu ɛnam ne nnwuma bɔne nti.

Source
رواه البخاري
Download image

Saved at original quality