Hadith for the World
Tap the image to view it full size
Suban pa ne neaye pa.

Hadiis a yɛnya afiri Abu Huraira ho Onyame npenie nka nɔ nokware ɔkomhyani Mohammɛd Onyame asomdwie nka nɔ akasɛ:

Available in 71 languages
«Hadiis a yɛnya afiri Abu Huraira ho Onyame npenie nka nɔ nokware ɔkomhyani Mohammɛd Onyame asomdwie nka nɔ akasɛ: "Obiara wo ye Gyedie de ma Nyame ne Atamuada da nu,na wo ka nokware anaa se wo ye koum,Obiara wo ye Gyedie de ma Nyame ne Atamuada da nu wo fa nidiye ma na asetena ahokanee,nea wo be ye gyedi ne Atamuada da wo fa bu ne nidiye emma na Hohowo".»

Meaning translation ·

Explanation

The meaning in a few plain lines

Ɔkɔmhyɛni (Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no) kyerɛkyerɛɛ mu sɛ akoa a ɔgye Nyankopɔn die ne Awieeɛ Da no a ɔbɛsan akɔ no, na emu na ɔbɛnya ne nnwuma so akatua no, ɛkanyan ne gyidie ma ɔyɛ su ahodoɔ a ɛdidi soɔ yi: Nea edi kan: Kasa pa, te sɛ Onyankopɔn anuonyamhyɛ ne Onyankopɔn baakoyɛ a wɔka ho asɛm,Na ɔbɛhyɛ ma wɔayɛ papa, Na ɔbɛbara nea ɛnyɛ, ne nnipa a ɔbɛsiesie wɔn ntam. Sɛ wantumi anyɛ saa a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm, na ma ɔnha afoforɔ, na ɔmmɔ ne tɛkrɛma ho ban. Nea ɛtɔ so mmienu: Obi afipamfoɔ a ɔbɛdi wɔn nni, te sɛ ayamyɛ a ɔbɛyɛ wɔn na ɔnyɛ wɔn bɔne. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa: Ɔhɔhoɔ bi a ɔbɛba abɛsra wo a wobɛdi no nni, denam kasa pa a wobɛka, aduane a wode bɛma, ne nea ɛtete saa so.

Source
متفق عليه
Download image

Saved at original quality