44 hadiths
Firi Abu Hurairah hɔ, Onyankopɔn ani nnye no,ho ɔkaa sɛ: Wɔkaa sɛ, O Onyankopɔn Somafoɔ, hwan na ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nnipa mu wɔ wo ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no? Nyame Somafoɔ, Nyame nhyira ne asomdwoe nka no, kaa sɛ: “Mesusuu sɛ, O Abu Hurairah, sɛ obiara remmisa me saa Hadith yi nnya wo, berɛ a mehunuu sɛ wo ho pere wo fa Hadith no ho no,nnipa a ɔbɛnya anigyeɛ wɔ me ntamgyina no ho wɔ Wusɔreɛ Da no, ne obi a ɔka sɛ Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah, wɔ gyidie mu firi n’akoma mu anaa ne kra mu.رواه البخاري
Yɛnyaa hadisi yi firii ABII ZARRI-Onyankopɔn ani nnye no ho: Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, kaa sɛ, Otumfoɔ Nyankopɔn nhyira ne Ɔno, kaa sɛ: “O Me nkoa, mabara asisie ama Me ho na mabara wɔ mo ntam, enti mma monsisi mo ho mo ho, O Me nkoa, mo nyinaa moayera gye sɛ wɔn a Makyerɛ wɔn kwan, enti monhwehwɛ akwankyerɛ mfiri Me hɔ na Mɛkyerɛ mo kwan, O Me nkoa, mo nyinaa moyɛ wɔn a kɔm de wɔn gye sɛ deɛ Mama no aduane adie, enti monhwehwɛ aduane mfiri Me nkyɛn na Mɛma mo aduane, O Me nkoa, mo nyinaa moda adagya gye deɛ Mahyɛ no ataadeɛ, enti mommisa Me ntaadeɛ na mɛhyɛ mo ntaadeɛ. O Me nkoa, ampa mofom anadwo ne adekyeɛ, na Mede bɔne nyinaa kyɛ, enti monsrɛ Me bɔne fafiri na Mede bɛkyɛ mo. O Me nkoa, ampa montumi nyɛ biribiara ntia Me sɛ mode reha Me, na montumi mma Me mfasoɔ biara sɛ mode reboa Me. O Me nkoa, na sɛ nka mo mu nea wɔdikan ne mo mu nea wɔtwa toɔ, ne mo mu nnipa ne mo mu jinn, sɛ wɔbɛyɛ Onyamesurofoɔ te sɛ mo mu nipa a ɔkuta nyame suro akoma pa ara a, ɛremma Me tumi nkɔ soro koraa. O Me nkoa, na mo mu nea wɔdikan ne mo mu nea wɔtwa toɔ, ne mo mu nnipa ne mo mu jinn, reyɛ mumuyɛ te sɛ mo mu nipa baako ɔwɔ amumuyɛ akoma pa ara a, ɛremma M’ahennie so nte koraa. O M’asomfoɔ, na mo mu kanefoɔ ne mo mu deɛ wɔtwa toɔ, ne mo mu nnipa ne mo mu jinn, sɛ wɔbɛgyina asaasetam baako so na wɔasrɛ Me, na na ɛsɛ sɛ Mema onipa biara deɛ ɔsrɛeɛ a, ɛremma deɛ ɛwɔ Me nkyɛn no so nte gye sɛ, te sɛ wɔde paneɛ hyɛ ɛpo mu na sɛ ɛbɛtumi ama so ate a. O Me nkoa, ɛyɛ mo nnwuma ho nko ara na mebu mo atɛn wɔ ho na afei Matua mo ka wɔ ho, na obiara a ɔbɛnya papa no, ɔnyi Nyame ayɛ, na deɛ ɔbɛnya deɛ ɛnte saa no, mma ɔmfa nhyɛ obiara gye ɔno ara ne ho.”رواه مسلم